Find your answers quicker!

BECE 2020 Twi Paper 1

Question 1: Sɛ wo ne obi retu kwan na ɔdi kan gya wo na wokɔto no a, wobɛkyea no sɛn? Mema wo….
A. ahyia
B. ayikoo
C. adikan
D. akwaaba

Question 2: Sɛ wonam kwan so na wohyia obi a, wobɛkyea no sɛn?Mema wo……
A. ahyia
B. ayikoo
C. adikan
D. akwaaba

Question 3: Ɔkanni hyia a ɔnkyea berɛ a ……
A. ɔrekɔdidi
B. ɔrekɔdware
C. ɔrekɔse ayie
D. ɔrekɔgya ne nan

Question 4: Abɔfra a ɔtwa n’ awofoɔ mma nyinaa toɔ na wɔfrɛ no….
A. Osiakwan
B. Kaakyire
C. Adinkra
D. Asa

Question 5: Atuakɔsɛn yɛ ……. akyi ba
A. Ntaafoɔ
B. Nyankomago
C. Tawai
D. Boɔkrukruwa

Question 6: Wo yere maame yɛ…..
A. W’akumaa
B. Wo sewaa
C. Wo nana
D. W’ase

Question 7: Wo papa akonta yɛ wo ……..
A. papa
B. nana
C. ase
D. wɔfa

Question 8: Nkumaa gyina hɔ ma …..
A. kunu nuamaanom
B. koraanom
C. nsenom
D. sewaanom

Question 9: Bosome a ɛtɔ so nson wɔ afe mu ne
A. Ɔpɛpɔn
B. Kitawonsa
C. Ɔbɛnem
D. Ɔsannaa

Question 10: Edin foforɔ a Akanfoɔ de ma nnawɔtwe nsia …….
A. adauosia
B. adaduaɔwɔtwe
C. adaduanan
D. adaduoum

Question 11: Abosome …… na ɛyɛ afe baako?
A. nkron
B. dummienu
C. dubaako
D. du

Question 12: Da bɛn na ɛdi Awukuɛɛ anim?
A. Dapaa
B. Nkyiwukuo
C. Fɔdwoɔ
D. Monokwasie

Question 13: Afahyɛ a kumawufoɔ di ne …….
A. Apoɔ
B. Aboakyire
C. Papa
D. Adɛɛ

Question 14: Hwan na ɔyan atumpan wɔ afahyɛ aseɛ?
A. Ɔkyeame
B. Ɔbrafoɔ
C. Ɛsɛn
D. Ɔkyerɛma

Question 15: Abusua bɛn mu nnipa na wɔtumi di Asantehene?
A. Aduna
B. Ɔyoko
C. Asona
D. Ɛkoɔna

Question 16: Nnipa yi mu hwan na ɛka mpanimfoɔ ho si ɔhene?
A. Aberewatia
B. Nananom
C. Ɔheɛnmsa
D. Nana aberewa

Question 17: Obi hwɛ ɔman sika so a na ɔyɛ hwan?
A. Sikakorahene
B. Soodohene
C. Dabehene
D. Sɛnsahene

Question 18: Wei yɛ nea wɔtaa yɛ wɔ nsaguo mu.
A. Wɔworɔ wɔn mpaboa
B. Wɔbu nkosodwe
C. Wɔkata wɔn nai
D. Wɔbɔ wɔn nsam

Question 19: Dwumadie ɛtɔ so mmienu wɔ nsaguo mu ne…..
A. Ɔfrɛ
B. Nhyira
C. Amanebɔ
D. Nnome

Question 20: Sɛ obi resa na ɔde ne nsa gu ne ti a, ɛkyerɛ sɛ …….
A. ne ti yɛ ne ya
B. wayɛ mmɔbɔ
C. wabrɛ
D. ne nsa mu abu

Question 21: Sɛ wohunu praeɛ a yɛakyekyere wɔ adwinneɛ bi mu a ɛkyerɛ ….
A. asetena pa
B. nkabɔmu
C. ayɔnkofa
D. onuadɔ

Question 22: Sɛ woredidi a, ….. Ɛyɛ akyiwadeɛ.
A. womfa wo nsa benkum nsi fam
B. wonhohoro wonsa
C. obi bɛto wo a, womfrɛ no
D. wontena ase

Question 23: Akanfoɔ akyiwadeɛ baako nso ne sɛ …..
A. abɔfra bɛkɔ dwam anɔpa
B. yɛntɔn kosua mma akwadaa
C. yɛrekɔ afuom a, yɛnto dwom
D. ɔbaa nyinsɛn a wɔyɛ ne bɔ adeɛ

Question 24: Amanneɛ a wɔyɛ ma abaayewa a wɔgoro no bra no bi ne deɛn?
A. Nnwontoɔ
B. Hyiregu
C. Asɔba
D. Anoka

Question 25: Tete no, sɛ abaayewa bi yɛ kyiribra a, na ….
A. wɔgu no hyire
B. wɔtwa no asuo
C. wɔboro no
D. akɔ ne nana nkyɛn

Question 26: Deɛn pɔtee na abusuafoɔ hwɛ ho de ɔbaa ma ɔbarima bi awareɛ?
A. Suban
B. Ahoɔfɛ
C. Sika
D. Adan

Question 27: Kyerɛ deɛ enti a Akanfoɔ mpɛ koratwe. Ɛde …..
A. mogya fra ba
B. mmusuo ba fie
C. awododoɔ ba fie
D. ntɔkwa ba awarefoɔ ntam

Question 28: Deɛn ne akonta sekan?
A. Ntoma a wɔde ma awofoɔ
B. Nnoɔma a wɔde ma badwafoɔ
C. Sika a ɔbarima tua ma ne yere nua mmarimanom
D. Sekan a nkontanom gye

Question 29: Sɛ ɔbaa di owufoɔ adeɛ a, yɛse wafa owufoɔ no…
A. sɔsɔ
B. asɔ
C. sekan
D. kɛntɛn

Question 30: Deɛn na ntoma fitaa fura da no adi wɔ ayiase?
A. Ɔpanin a wanyini yie bi awu
B. Aberanteɛ bi awu
C. Abɔfra bi awu
D. Ɔbɔfoɔ bi awu

Question 31: Adɛn nti na Akanman mu wɔnto anansesɛm aɔpa?
A. Mpanimfoɔ mpe saa
B. Ɛye akyiwadeɛ
C. Ɛmma dwumadie no nye dɛ
D. Ɛsɛe berɛ

Question 32: Asantefoɔ hyɛ anansesɛm ase sɛ ……
A. Abraa abraa o!
B. Yɛnse sɛ nse sɛo!
C. Yɛsesa soa wo!
D. Kodzi wɔngye ndzi!

Question 33: Benkum dware nif a na nifa nso adware benkum kyerɛ …….
A. ayɔnkofa
B. asomdwoeɛ
C. ahobraseɛ
D. ntɔkwa

Question 34: Agya adeɛ bi wɔ hɔ ne ti mpae no da. Ɛye deɛn?
A. Ɔwɔ
B. Akoɔ
C. Akyekyedeɛ
D. Kɔtɔ

Question 35: Agya adeɛ bi wɔ hɔ, onni nsuo nanso sɛ ɔhɔho bɛto no a, ɔma no nsuo nom. Ɛye deɛm?
A. Kube
B. Ankaa
C. Nufu
D. Mango

Question 36: Nnɔbaeɛ a yɛnya firi akuafoɔ hɔ ne….
A. mako, hayerɛ, nkyene
B. nyaadewa, mankani, gyeene
C. bankye,adua sɔsɔ
D. aborɔbɛ,gyeene, asɔ

Question 37: Adeɛ titire a okukunwonofoɔ de di ne dwuma ne …….
A. kɛntɛn
B. abɔsobaa
C. sradaa
D. dɔteɛ

Question 38: Sɛ mpanimfɔre di asɛm a, wɔtaa tu …..
A. aberewaa
B. ayina
C. sradaa
D. dɔteɛ

Question 39: Hwan, Hwan Ba nie. Ɛdwom bɛn nie?
A. Nnwonkorɔ
B. Bradwom
C. Abagyegyedwom
D. Mmoguo

Question 40: Sansana akorɔma wo ni awuo ye agorɔ bɛn nnwom?
A. Aboɔsi
B. Ampe
C. Asɔba
D. Pempena

Post a Comment

0 Comments

Jarib Typically replies in a few hours
Hello, How may I assist you? ...
Type a message