Find your answers quicker!

BECE 2019 Twi Paper 1

Question 1: Ahenfie nnipa no nyinaa sahene ne hwan?
A. Gyaasehene
B. Kurontihene
C. Ɔkyeame
D. Abrafoɔ

Question 2: Ɔbarima a wɔwo no Yawoada mmrane ne ……..
A. Okyini
B. Okoto
C. Prɛko
D. Bodua

Question 3: ….. yɛ amammerɛ a wɔyɛ de kae da titire bi a atwam wɔ abrabɔ mu.
A. Afahyɛ
B. Nsaguo
C. Bragorɔ
D. Anansesɛn

Question 4: Akanfoɔ nnabuo mu no, akwasdɛɛ si mpɛn ahe wɔ afenhyia baako?
A. Dummienu
B. Nkron
C. Du
D. Nson

Question 5: Antoakyire yɛ mmɔfra agorɔ no mu baako, ne botaeɛ titire ne sɛn?
A. Papayɛ
B. Ahwɛyie
C. Ahoɔden
D. Nnamfofa

Question 6: Deɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom?
A. Sɛnea ɛbɛyɛ a nkurofoɔ bɛte ne nne
B. Sɛnea ɛbɛtwetwe nnipa abɛboa no
C. Sɛnea ɛbɛyɛ a, nkurofoɔ bɛhunu sɛ ɔwɔ afuom
D. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnte brɛ

Question 7: Bosome a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na nsuo taa to pa ara?
A. Ahinime
B. Ɔpnimaa
C. Ɔpɛɔn
D. Ayɛwohomumɔ

Question 8: Ɔhene biara wɔ ne mpanimfoɔ a ɔne wɔn bu ne man. Saa mpanimfoɔ yi wɔfrɛ wɔn sɛn?
A. Mpapahweakwaa
B. Nhenkwaa
C. Atenankonnwa
D. Adikurofoɔ

Question 9: Hwehwe deɛ cda nsɔ saa nsɛnkuo yi mu.
A. Konkosifoɔ
B. Ahayɔ
C. Kuayɔ
D. Kentenwono

Question 10: Ɔbɛtwani de …. Na ɛfite ne mmɛ
A. mpapa
B. egya
C. tɛnee
D. berɛ

Question 11: Sɛ oman bi rekɔ sa a, sahene a ɔdi hɔene anim pɛɛ no ne hwan?
A. Gyaasehene
B. Kyidomhene
C. Adnɔtenhene
D. Benkumhene

Question 12: Tete no na mmarima taa sua nnwuma titire a wɔn ……..yɛ
A. abusuafoɔ
B. wɔfanom
C. agyanom
D. nananom

Question 13: Owupa ne sɛ ….
A. obi atɔ nsuom awuo
B. obi anya lɔre akwanhyia na wawu
C. obi ato ne kɔn na wawuo
D. etuo akum obi

Question 14: Ɛdi ….. ansa na abusuafoɔ ahyia ahwehwɛ owufoɔ agyapadeɛ.
A. nnansa
B. afe
C. bosome
D. adaduanan

Question 15: Edin bɛn na Akanfoɔ de frɛ berɛ a obi awuo de kɔsi sɛ wɔbɛkora no wɔ amusieɛ no?
A. Ayipa
B. Ayiseɛ
C. Dɔteyie
D. Ahosiesie

Question 16: Yi mmueaɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ awareɛ, adedie, nkyea, dintoɔ ne nnwuma ho.

16. Sɛ ɔbarima bi si ɔbaa bi asiwa a,…..
A. wɔnnidi mmom
B. ɔne ɔbaa no nni nkɔmmɔ
C. ɔbaa no ne ɔbarima no tena faako
D. ɔmmfa ne ho nka ɔbaa no

Question 17: Berɛ bɛn na abaayewa bi so awadeɛ wɔ Akanman mu?
A. Ɔbu ne nsa a
B. Ɔwie sukuu a
C. Ɔdi mfeɛ dunsia
D. Ɔbobo nufoɔ a

Question 18: Hwan na ɔgu ɔbaa bi hyire?
A. Okunu
B. N’akumaa
C. N’ase
D. Ne babarima

Question 19: Ahosuo kɔkɔɔ a ɛwo Ghana frankaa mu no gyina hɔ ma ….
A. mogya a nananom hwie gu gyee ɔman no.
B. ɔman yi sika kɔkɔɔɔ
C. oman no kwaec birentuo
D. ɔnuaba ahodoɔ a ɛwɔ ɔman no mu

Question 20: Sɛ wohunu sɛ duaa tua ɔbrani ano da a wɔregoro bra no a, ɛkyerɛ sɛ, ….
A. obi asi no asiwa
B. ɔyɛ agyanka.
C. ɔmaame wuiɛ nkyɛreeɛ
D. ɔhene se ɔbɛware no

Question 21: Sɛ obi di obi adeɛ a yɛka sɛ, …..
A. wapra n’ akyi
B. wato boɔ
C. wafom n’agyapadeɛ
D. wafa ne tuo

Question 22: Akanfoɔ di adeɛ kɔ ……. Fam
A. agya maame
B. sewaa
C. agya
D. ɛna

Question 23: Wɔdidi wieeɛ no, ɔbaako kaa sɛ yɛma wo adware. Na ɛkyerɛ sɛ ………,
A. wɔserɛ kwan
B. wɔbɛdi bio
C. wɔkɔdware
D. wɔreda no ase

Question 24: Nnyesoɔ a ɛdidi s0ɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Bosomfoɔ nnyesoɔ?
A. Yaa Amen
B. Yaa Ɔpeafoɔ
C. YaaOburu
D. Yaa Osua

Question 25: Akanfoɔ amammerɛ mu no wokyea firi ….. .
A. mpanin so
B. benkum so
C. nifa so
D. mfinimfini

Question 26: Yei ne ɔkwan a Akanfoɔ nam so gye ɔhɔhoɔ bi to abusua bi mu
A. Awaregyeɛ
B. Dintoɔ
C. Asubɔ
D. Kradin

Question 27: Nsa ne nsuo a wɔde sosɔ abɔfra tɛkrɛma so mɔ abadintoɔ mu no kyerɛ sɛ ɔmmɛyɛ ……. .
A. papa
B. akwadworɔ
C. anomum
D. nokwafoɔ

Question 28: Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ abusuadin?
A. Opoku
B. Adusa
C. Anto
D. Bediako

Question 29: Sɛ ɔkanni bi nya edin bi te sɛ Anane a, na ɛfiri……..
A. awoɔ nnidisoɔ
B. nsa dɔkɔdɔkɔ
C. ntubkum
D. nsa a ɛboro

Question 30: Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ efa Akanfoɔ ntam, anansesɛm, nscnkyenane, nsaguo, nnwom ne atetesem ho.

30. Sɛ yɛka sɛ obi aka ntam a, na ɛkyerɛ sɛ onipa korɔ no aka ɔman, kuro anaa kuro bi………
A. anigyestm
B. awerɛhosɛm
C. nkontomposɛm
D. nokwasɛm

Question 31: Sɛ obi ka ntam a …….
A. wɔbɔ n’ aha so
B. wɔkye no dedua
C. wɔde no kɔ kɔɔto
D. wɔhuro no

Question 32: Abɔdeɛ ahodoɔ a yɛte wɔni din wɔ anansesɛ mu no ne …..
A. anansesɛm su
B. anansesɛm agorɔ
C. anansesɛm mma
D. Ananse Akuamoa

Question 33: Sɛ obi pae dua mu de mmerɛnkesono bɔ mu de si asaase bi so a, na ɛkyerɛ sɛ …..
A. obi atɔ asaase no
B. manso wɔ asaase no so
C. obi rebɛdɔ saa asaase no
D. asaase korɔ no yɛ obi na wadɔ

Question 34: Sɛ wowura efie bi mu na wabɔ nwera fitaa pɔ sɛn efie no aboboano a, na ɛkyerɛ sɛ…..
A. wɔrehyia ayeforɔ
B. wɔresi ɔhene
C. wɔretwa odwira
D. obi awo ntaa wɔ saa fie no mu

Question 35: Anansesɛm yɛ…….
A. nsɛm a asisi pɛn
B. asisiɛm
C. wɔretwa odwira
D. obi awo ntaa wɔ saa fie no mu

Question 36: Deɛ Akanfoɔ taa de yi apaeɛ ne …….
A. nsuo
B. nsa dɔkɔdɔkɔ
C. ntunkum
D. nsa a ɛboro

Question 37: Onyankopɔn mmrane a wɔtaa de bɔ no wɔ apaeɛ mu no baako ne……
A. Kuntunkunuku
B. Daasebrɛ
C. Ɔkoforoboɔ
D. Tweaduampɔ

Question 38: Sɛ mmaa rebɛfiri adowa nnwom ase a, ………..
A. wɔboro adawuraa mu
B. wɔtwa aho
C. wɔto apoɔ
D. wɔto no prɛko Pɛ

Question 39: Ɔkɔmfoɔ bɛn na atetesɛm kyerɛ sɛ otumi de mpaboa foroo onyina?
A. Ɔkomfo
B. Aseibua Amanfi
C. Ansa Sasraku
D. Ɔkɔmfo Anɔkye

Question 40: Hwane na ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ maa Asanteman bere a, Asanteman ne Denkyira rekɔ ɔko no?
A. Ɔsɛe Bonsu
B. ƆsɛeTutu
C. OpokuWare
D. Twɛneboah Kodua

Post a Comment

0 Comments

Jarib Typically replies in a few hours
Hello, How may I assist you? ...
Type a message