Find your answers quicker!

BECE 2018 Twi Paper 1

Question 1: Berɛ a me sewaa woeɛ no, n’awofoɔ kɔmaa no
A. Yaakɔ
B. Dammirifua
C. Afirim
D. Due

Question 2: Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwo he na ɛsɛ sɛ yɛma no akwaaba
A. Obia ɔretu kwan.
B. Obi a waware foforɔ.
C. Obi a ɔfiri akwantuom aba.
D. Obi a yɛakye no sɛ ɔrewia adeɛ

Question 3: Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ wɔ Akanfoɔ nkyea ho, gye sɛ
A. Sɛ obi rekɔgya ne nan a, ɔnkyea
B. Sɛ obi redidi a, yɛnkyea no
C. Yɛkyea firi nifa so
D. Yɛmfa yɛn nsa bɛnkum nkyea

Question 4: Berɛ bɛn na Akanfoɔ ma obi due-ne onwunu
A. Anwummerɛ
B. Anɔpa
C. Prɛmotoberɛ
D. Awia

Question 5: Edin a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ hena Ɔkanni ba biara di kan nya
A. Aborɔfo din
B. Kradin
C. Adakam din
D. Abusua din

Question 6: Akanfoo abandintoɔ mu no, nsuo ne nsa a wɔde sosɔ abɔfra no tɛkyerɛma so no gyina hɔ ma
A. Aniɛden
B. Akokoɔduro
C. Anoteɛ
D. Nokorɛdie

Question 7: Akanfoɔ tumi bo Kofi mmrane sɛ
A. Ogyam
B. Bodua
C. Atoapoma
D. Tuo/Kyini

Question 8: Sɛ Ɔbaa bi wo ntaa na sɛ ɛyɛ baa ne barima a yɛka sɔ wawo
A. Ahuhuro ne Awɔ
B. Takyi ne Kuro
C. Ahum ne Aham
D. Sika ne Amaneɛ

Question 9: Agya Abankwa ne ne yere mma mmienu a, ɛdi kan yɛ mmarima. Deɛ otɔ so mmienu yɛ ɔbaa a, wɔbɛfrɛ no sɛn?
A. Konto [Bonus]
B. Mɛnsa
C. Adantam
D. Ahuhuro

Question 10: Ɔbaa bi ware a ne deɛn ne ne kunu nuabaa?
A. Ne sewaa ha
B. Ne kora
C. N’akumaa
D. N’ase

Question 11: Nnipa yi mu hwan na Akanman mu ɔyɛ ɔbarima bi wɔfase?
A. Ne nuabaa ba
B. Ne nana ba
C. Ne nuabarima ba.
D. Ne wɔfa ba

Question 12: Yei na ɛdi adanseɛ sɛ ɔbarima bi aware ɔbaa bi wɔ Akanman mu
A. Kawa
B. Tiri nsa
C. Ayeforɔ
D. Danta

Question 13: Akanfoɔ frɛ aduane edi kan a ɔbaa a wɔayɛ ne ho adeɛ foforɔ yɛ de kɔma ne kunu no ne ne akurɔfoɔ sɛ
A. Aduanekan
B. Aduanewoɔ
C. Aduanekɛseɛ
D. Aduanepa

Question 14: Sɛ wɔgu ɔbaa bi hyire a, na ɛkyerɛ sɛ
A. N’awareɛ no asɔ twann
B. N’awareɛ no adi nkunim
C. N’awareɛ no atu mpɔn
D. N’awareɛ no agu koraa

Question 15: Akanfoɔ bragrorɔ mu, sɛ wohunu sɛ dua tua obrani no ano a, ɛkyers sɛ
A. Ɔyɛ agyanka
B. Ne maame wuiɛ nkyueeɛ
C. Ɛkɔm de no
D. Obi asi no asiwa

Question 16: Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ Akanfoɔ akyiwadeɛ gye sɛ
A. Woredidi na worenom nsuo
B. Wode wo nsa benkum si fam kan sɔre berɛ a woredidi,
C. Wo ne wo papa redidi nai wodi.
D. Woredidi na woreto dwom:

Question 17: Sɛ obi ka ntam wɔ Akanman mu a, · hwan na ɔkye no dedua?
A. Ɔkyeame
B. Ɔhene
C. Ahenkwaa
D. Dabehene

Question 18: Akanfoɔ ayiyɛ mu no, sɛ mmaa su kɔ tia ba tia ansa na. wɔahyɛ ayfo no ase a, yɛka sɛ wɔreto
A. Ayikan
B. Ayinan
C. Sudwere
D. Sukan

Question 19: Akanfoɔ frɛ nkra a obi a ɔrewu ne n’ abusuafoɔ di no sɛ
A. Nsamankɔm
B. Nsamankra
C. Nsamanseɛ
D. Nsamantoa

Question 20: Sɛ obi wu na sɛ yɛka sɛ ɛyɛ sodoɔ a, na yɛrepɛ akyerɛ sɛ
A. Owufoɔ no anwo ba
B. Owufoɔ no wuu atofowuo
C. Owufoɔ no anyare anna hɔ ankyɛ
D. Owufoɔ no na ɔdi kan a wawu ne maame mma mu

Question 21: Akanfoɔ amammerɛmu no, sɛ ɔbarima bi wu gya ne yere akyire a, ɛdi nna sɛn na ɔbaa no tumi, ware foforɔ?
A. Abosome nkron
B. Afe
C. Abosome nsia·
D. Abosome mmiɛnsa

Question 22: Sɛ wɔde obi di hene a, edin bɛn na Akanfoɔ de to abɔfra obɛdi kan, awo no?
A. Kantinka
B. Ahenkan
C. Bɛkoe
D. Piesie

Question 23: Nnipa a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ na wɔfrɛ no ”ɔhene” yere”?
A. Ɛsɛn
B. Kontihene
C. Dabehene
D. Ɔkyeame

Question 24: Sɛ ɔhene yɛ deɛ ɛdidi soɔ yimu baako a, wɔtumi gyina so tu no.
A. Sɛ ɔdidi wɔ abɔnten
B. Ɔbɛhyɛ atadeɛ apue
C. Sɛ obɛbɔ tikwa
D. Sɛ ɔbɛdi nkɔmmo wɔ abɔnten

Question 25: Wɔdi apoɔ afahyɛ wɔ mantarm bɛn mu?
A. Apueeɛ mantam
B. Asante manta
C. Bono Ahafo mantam
D. Atɔeɛ mantam

Question 26: Edin foforɔ a, Akanfoɔ de frɛ Akwasidɛɛ ne,
A. Kunikwasie
B. Nkyekwasie
C. Kwakwasie
D. Monokwasie

Question 27: Akanfoɔ frɛ beaeɛ a okuani bɔ ne kookoo, bese na ɔburu sɛ
A. Kookooase
B. Ahyiaeɛm
C. Ahyehyɛeɛ
D. Abɔeɛ

Question 28: Sɛ ɔbɔfoɔ kɔ ahayɔ a, ɛdeɛn an ɔyɛ sɛ deɛ ɛbɛyɛ a ɔnyera?
A. Ɔbotabota ‘nnuaa ho
B. Ɔgu ahahan.
C. Ɔde akaadoo gugu kwan no so
D. Ɔde nso gugu kwan no so

Question 29: Sɛ ɔbofoɔ kum ɔbɔpɔn a, ɔdware
A. Ayeraduro
B. Sasaduro
C. Aboponduro
D. Atuduro

Question 30: Obi a ɔsene nnua de yɛ akuaba, asɛsɛdwa, waduro, ntwene ne ade no, wofrɛ no sɛn?
A. Duadwonfoɔ
B. Ɔtomfoɔ
C. Sikadwomfoɔ
D. Dadedwomfoɔ

Question 31: Ɔkanni ka sɛ adaduanan a ɛyɛ nnawɔtwe dodoɔ sɛn?
A. Nsia
B. Num ne fa
C. Num
D. Nsia ne fa

Question 32: Twifoɔ nnabuo mu no, Ahinime yɛ bosome a ɛtɔ so
A. Nan
B. Nsia
C. Nwɔtwe
D. Du

Question 33: Mpanin se, “Aberewa bɛdi twedeɛ a na ɛfiri … ”
A. Ne se
B. Ne poma
C. N’ano
D. N’anim

Question 34: Seantie ne ɔnwam
A. Atikɔpɔ
B. Awiawuo
C. Amanenya
D. Awiasu

Question 35: Mmɛ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛkasa tia akwadworɔ?
A. Abɔfra bo nwa na ɔmmɔ akyekyedeɛ
B. Wote faako a, wote w’adeɛ so
C. Deɛ odwan pɛ na ɔde ne fufuo bɔ
D. Niwaa mma nsaeɛ a, wofase nni adeɛ

Question 36: Agya adeɛ bi wo hɔ, sɛ wotia n’ ayaase a na wasere, sɛ woyi wo nan a, na wamuna. ɛyɛ deɛbɛn
A. Ɔkra
B. Dadefidie
C. Aponkyerɛnne
D. Dadepɔnkɔ

Question 37: Agya adeɛ bi wɔ hɔ, onipa mpɛ n ‘asɛm, nanso sɛ ɔba wo nkyɛn a, wobo wo nsam ma no. ɛyɛ deɛn?
A. Ntontom
B. Ɔwɔ
C. Nantwie
D. Akorɔma

Question 38: Deɛ ɛdidi soɔ yi nyinaa yɛ nokorɛ fa amoma ho, gye sɛ
A. Ɛyɛ atetesɛm
B. Ɛyɛ abakosɛm
C. Ɛyɛ bɔsremka
D. Ɛyɛ akokoɔdurusɛm

Question 39: Atetesɛm kyerɛ sɛ na saa onipa yi tumi de berɛ tiawa bi we aburopata?
A. Ɔkɔmfo Anɔkye
B. Aseibu Amamfi
C. Didifuro Kwadwo
D. Ɔkɔmfo Tuwoda

Question 40: Atetesɛm kyerɛ sɛ saa onipa yi tumi de mpaboa foro bɛtene.
A. Ansa Sasraku
B. Tweneboa Kodua
C. Agyabirinti Mɛnsa
D. Ɔkɔmfo Anɔkye

Post a Comment

0 Comments

Jarib Typically replies in a few hours
Hello, How may I assist you? ...
Type a message