Find your answers quicker!

BECE 2010 Twi Paper 1

Question 1: Yi mmuaee A-D yi mu baako a eye na efa akanfoɔ abusuabɔ ho

Saa nnipa yi mu deɛ ɔwo he na ɔyɛ wo papa busuani? Wo papa
A. akonta
B. ba
C. sewaa
D. wɔfa

Question 2: Sɛ Akanfoɔ ka sɛ bogya a, na ɛkyerɛ sɛn?
A. Abusua
B. Adamfo
C. Akyiwadeɛ
D. Awareɛ

Question 3: Akanfoɔ wɔ gyidie sɛ onipa biara wɔ ɔkra ne sunsum. Kyerɛ edin foforɔ a yɛde frɛ mnsum
A. Abusua
B. Bogya
C. Nɔton (Ntorɔ)
D. Saman

Question 4: Kyerɛ deɛ enti a ɔba ne ma yɛ abusuafoɔ
A. Wɔbɔ abusua-korɔ
B. Wɔbɔ ntɔn korɔ
C. Wɔwɔ adwene korɔ
D. Wɔwɔ sunsum korɔ

Question 5: Ɔkwan bɛn so na Akanfoɔ nam bɔ agya abusua?
A. Abusuabɔ
B. Awareɛ
C. Kunayɛ
D. Owuo

Question 6: Sɛ wo papa ware mmaa baanu a, obaa baako no yɛ wo maame deɛn?
A. Abanoma
B. Akumaa
C. Kora
D. Sewaa

Question 7: Nneyɔeaɛ ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ akyiwadeɛ?SƐ woware
A. papa ba
B. sewaa ba
C. w’adamfo ba
D. wɔfa ba

Question 8: Ɛdeɛn na ɛma obi hunu sɛ ɔne ɔfoforɔ som agya bosom baako? sɛ………
A. wɔbɔ abusua korɔ
B. Wɔni akyiwadeɛ yɛ pɛ
C. Wɔfiri kuro baako
D. Wɔyɛ bogya korɔ

Question 9: Abusua bɛn na wɔgye di sɛ wɔde egya baa wiase?
A. Aduana
B. Asona
C. Ɔyoko
D. Biretuo

Question 10: Abusua bɛn na wɔne akraboa din sɛ?
A. Aduana
B. Agona
C. Asona
D. Ɛkoɔna

Question 11: Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ nɔ ɛfa Akanfoɔ adedie ne ahensɛm ho

11. Sɛ wɔpa ɔhene foforɔ a , wɔde no kɔkyerɛ…….. kan.
A. Abakomahene
B. Amankrado
C. Gyaasehene
D. Sanaahene

Question 12: Berɛ bɛn ba na wɔyi odiadefoɔ?
A. Adaduanan dua a
B. Da a onipa no hu wu no
C. Wɔnom sikasa wie a
D. Wɔyɛ dɔteyie wie a

Question 13: Abusua bɛn mu na wɔyi odiadefoɔ firi?
A. Okunafoɔ abusua mu
B. Owufoɔ no abusua mu
C. Owufoɔ no papa abusua mu
D. Ɔhene abusua mu

Question 14: Sɛ obi ……….. ampene a, onii no ntumi nni obi adeɛ
A. maame
B. nana
C. papa
D. wɔfa

Question 15: Nnipa baanu bɛn na wɔbɔ mu si ɔhene anan mu?
A. Ɔhemaa ne Abusuapanin
B. Ɔhemaa ne Amankrado
C. Ɔhemaa ne Gyaasehene
D. Ɔhemaa ne Dabehene

Question 16: To asɛm yi so; Sɛ niwa mma nsaeɛ a ………….. nni adeɛ
A. maame
B. nana
C. onua
D. wɔfaase

Question 17: Nkroma te hɔ a Badu nni adeɛ. Yei kyerɛ s
A. abɔfra wɔhɔ a, ɔpanin nni adeɛ
B. Badu mma Nkroma nni adeɛ
C. wɔfaase wɔhɔ a, onua nni adeɛ
D. ɔpanin wɔ hɔ a, abofra nni adeɛ

Question 18: Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ afahyɛ ho.

18. Aboa bɛn na Simpafoɔ kyerɛ de di Aboakyere Afahyɛ?
A. Ɔkankane
B. Ɔnwansane
C. Ɔsebɔ
D. Ɔtorɔmo

Question 19: Kyerɛ botaeɛ a akyemfoɔ gyina so de di ohum.
A. Wɔde frɛ dɔm
B. Wɔde gye wɔn ani
C. Wɔde huro ɔkɔm
D. Wɔde sua amammerɛ

Question 20: Ɛhefoɔ na wɔdi akwantu kɛseɛ Afahyɛ
A. kuapemfoɔ
B. Bonofoɔ
C. Dwaben Foforofoɔ
D. Kwawufoɔ

Question 21: Nsɛm a ɛdidi soɔ yi de ɛwɔ he na ɛyɛ nokorɛ?
A. Afahyɛ de ɛka ba.
B. Afahyɛ kyerɛ abusua ase
C. Afahyɛ ma yehunu amammerɛ
D. Afahyɛ sɛe herɛ kwa

Question 22: Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔhwɛ Bakatue afahyɛ a,ɛsɛ sɛ ɔkɔ
A. Ɛdena
B. Akyemfo
C. Odwaa
D. Simpa

Question 23: Afahyɛ bɛn na Akuapemfoɔ die?
A. Akwammɔ
B. Apoɔ
C. Ohum
D. Odwira

Question 24: Yɛ amammerɛ bi a ɛkyerɛ da titire bi a atwa mu wɔ oman bi
A. Afahyɛ
B. Anansesɛm
C. Bragorɔ
D. Nsaguo

Question 25: Yi mmuaeɛ A – D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ mme ho.

25. Toa ɛbɛ yi so. Etire nte sɛ borɔferɛ na………
A. yɛabue so
B. yɛapae mu
C. yɛatwam
D. yɛawoso

Question 26: Kontromfi se: Me suman ne….........
A. m’adwene
B. m’ani
C. me nan
D. m’aso

Question 27: Nsɛm a ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na eyɛ nokorɛ?
A. Yɛde ɛbɛ kyerɛ kasakoa ase
B. Yɛde ɛbɛ toa ɛbɛ so
C. Yɛde ɛbɛ twa asɛm tenten tia
D. Yɛde ɛbɛ si kasakoa anan mu.

Question 28: Mpanin se; Nsamanpom soduro, wo ni wu a, na…… asa
A. w’abusua
B. wo nkorofoɔ
C. wo nnamfonom
D. wo nuanom

Question 29: Anomaa antu a,…………
A. ɔbua da
B. ɔgyina hɔ
C. ɔsi faako
D. ɔte hɔ

Question 30: Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa akanfoɔ atetesɛm ne anansesɛm ho

30. Hwan na tete no na wɔse ɔwe aburoopata no?
A. Aduobi Ata
B. Ampomfi
C. Asebu Amanfi
D. Atakora

Question 31: Tete no na wɔse Onyankopɔn bɛn nnipa. Ɛyɛɛ dɛn na ɔkɔɔ sorosoro?
A. Aberewa bi de wɔmma wɔɔ no
B. Abɔfra bi tiaa ne nan so
C. Obi hwiee nsuo guu ne so
D. Papa bi too ɔboɔ bɔɔ no.

Question 32: Sɛn na wɔfrɛ ɛdwom a atiefoɔ to wɔ anansesɛm mu?
A. Abraa braa
B. Aho
C. mmoguo
D. Nnwonkorɛ

Question 33: Anansesɛm botaeɛ titire ne sɛ……….
A. wɔde bɔ nkɔmmɔ
B. wɔde gyegye mmofra agorɔ
C. wɔde tu fo
D. wɔde twa asɛm tia

Question 34: Anansesɛm mma mu deɛ ɔwɔ he na ɔyɛ aniteɛ pa ara?
A. Akokɔ Antwiwaa
B. Ananse
C. Ntikuma
D. Ɔkraman

Question 35: Sɛ yɛka Sɛ anansesɛm mfimfini a na ɛkyerɛ………..
A. anansesɛm no ankasa
B. anansesɛm no awieeɛ
C. mmoguo
D. ɔfrɛ

Question 36: Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ agorɔ ne adwuma mu nnwom ho

36. Sisiri mbo, tabon mbo. Adwum bɛn mu dwom nie?
A. Ahayɔ
B. Kuayɔ
C. Ntomanwene
D. Apokɔ

Question 37: Antoakyire yɛ mmɔfra agorɔ no mu baako. Kyerɛ ne botaeɛ
A. Ahoɔden
B. Ahwɛyie
C. Nnamfofa
D. Papayɛ

Question 38: Toa saa dwom yi so: Dedendeee kwao Dedendee kwao, Agya Bɔfoɔ ne nkwan yɛ me dɛ nanso……….
A. n’ataadeɛ yɛ me tumm
B. ne mpaboa yɛ me kɔɔ
C. ne nam yɛ me dɛ
D. ne tuo ho yɛ me tumm

Question 39: Adɛn nti na sɛ obi reyɛ adwuma a ɔto dwom? Sɛdeɛ……..
A. nkurofoɔ bɛte ne nne
B. nnipa bɛhunu sɛ ɔwɔ hɔ
C. obɛnya aboafoɔ
D. ɔrente ɔbrɛ

Question 40: Deɛ ɛdidi soɔ yi mu deɛ ɛwɔ he na ɛnyɛ Akanfoɔ agorɔ?
A. Ahayɔ
B. Antoakyire
C. Asɔba
D. Atentam

Post a Comment

0 Comments

Jarib Typically replies in a few hours
Hello, How may I assist you? ...
Type a message